Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:4
26 Referencias Cruzadas  

Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm.


Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’ ”


Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,


Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.


Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.


Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?” Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no.


Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”


Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.


Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.”


Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”


Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ ”


Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’ ”


“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu. “Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ.


Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”


Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi.


“Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios