Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:2
14 Referencias Cruzadas  

Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.


Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.


Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so.


Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no.


Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie.


Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom.


Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no.


Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no.


Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.


Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn.


Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie.


Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no.


Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios