Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:1
18 Referencias Cruzadas  

Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.”


Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase.


Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.” Elisa kaa sɛ, “Dabi, monnsoma wɔn.”


Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ.


Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.


Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka Awurade animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ!


Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.


Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn.


Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ hɔ na Awurade animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma.


Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie.


Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi.


Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so.


Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.


Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.


Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios