Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 3:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 3:2
61 Referencias Cruzadas  

Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’


Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?


Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”


Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’


“Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ.


Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’


Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ,


Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn.


Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom.


Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom.


Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”


Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree.


Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”


“Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta.


Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa.


Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no.


“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan.


“Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.


“Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma.


Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.”


Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.


Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.


“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.


Wʼahennie mmra. Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro.


Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho.


Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”


Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.


Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho.


Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.


Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so.


Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara.


Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”


Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”


Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no.


“Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’


Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.


Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.


Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ, na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!


Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa.


Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”


Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so.


Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.


Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.


Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera.


Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo,


Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba.


Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo.


a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no.


Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie.


Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.


Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu.


Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios