Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:3
23 Referencias Cruzadas  

Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.


Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so, sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.”


Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”


Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.”


Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ.


Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.


Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ;


Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ.


Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.


Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.


Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.


Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim.


Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios