Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 2:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 2:2
28 Referencias Cruzadas  

“Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”


Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.


Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo.


“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid, ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.


Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn.


Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ.


“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora.


Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene.


“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.


Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.”


“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”


Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom.


Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.”


Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni.


Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”


wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”


Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.”


Pilato twerɛɛ sɛ: Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi.


Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!”


sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.


Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.


Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”


“Me, Yesu, na masoma me ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amaneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios