Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔkasae pii mmebu mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufo fii adi koguu aba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:3
27 Referencias Cruzadas  

Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.


Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,


“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie.


Afei mekaa sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Wɔka fa me ho sɛ, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi anaa?’ ”


Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”


“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’


Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.


Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ.


Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ.


“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.


Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan.


Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ.


Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam?


“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase?


Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ.


Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”


ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’


“Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios