Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 11:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 11:3
38 Referencias Cruzadas  

Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”


Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.


“Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.”


Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”


Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.”


Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ.


Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.”


Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.


wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.


“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”


Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!”


Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”


“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.


Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu.


Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo Awurade seɛ.


Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so, akɔdi Edom mmepɔ so. Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!


Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.


Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel.


Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Yɛhyira wo firi Awurade fie.


“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora.


Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.


Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wɔbɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”


Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ,


Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios