Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyefo Mateo, Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyeni Mateo, Alfeo ba Yakob ne Tadeo,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:3
30 Referencias Cruzadas  

Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.


Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho.


Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.


Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.


Ɛberɛ a ɔnam mpoano hɔ no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.


Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, ne Simon ɔmanyɛfoɔ,


“Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni.


Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi.


“Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’


ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso.


Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.”


Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?” Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”


Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”


Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”


Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”


Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?


Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho.


Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.


Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me!


Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔkyeaa Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanimfoɔ.


Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.


Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu.


Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.


Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios