Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:2
44 Referencias Cruzadas  

Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.


Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi.


Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.


Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ,


Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.”


Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.


Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’


Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so.


Me, Asɔre Panin, Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo,


Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:


Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn, Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.


Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.


Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.


Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa.


Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo.


Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ.


Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.


Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ.


Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no?


Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho.


Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!”


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ.


Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho.


Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduane a yɛbɛdi no.”


Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida.


Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,


Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie.


Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no.


Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.


Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi.


Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ sɛ mesom no.


Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,


Me, Asɔre panin, Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio.


“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.”


Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.


Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”


Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”


Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios