Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:1
26 Referencias Cruzadas  

Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.


Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no,


Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.


Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.


Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’


Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree.


Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.”


Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo.


Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim.


Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”


Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ.


Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ.


Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho.


Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.


Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”


Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”


Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?”


Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios