Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:6
25 Referencias Cruzadas  

na Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa sɛ, “Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.”


Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa, na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no, ne nnwomsiaani papa bi nie:


Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson.


Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.


Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;


Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo,


Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.


Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so.


Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.


Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.


Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho; ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.


Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai.


Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne.


Obed woo Yisai, ɛnna Yisai woo Dawid.


Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.”


Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie.


Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”


Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me sɛ me ara me babarima wɔ Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran sɛ ɔmpɛ me nku me!”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios