Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:16
17 Referencias Cruzadas  

Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob;


Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!”


Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.


Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”


Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”


Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”


Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.


sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.


Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”


na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.


Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.


Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”


Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios