Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:11 - Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:11
17 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal.


Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so.


Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo.


Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem.


Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi.


Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:


Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.


Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.


Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.


Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.


Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios