Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:3
13 Referencias Cruzadas  

Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.


Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.


“Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.


“Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.


Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera.


Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!


Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ.


Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim.


Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”


Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.


Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios