Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na n’asuafo no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi betumi anya abodoo a eyinom bedi amee wɔ anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:4
10 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.


Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”


Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.”


Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”


Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios