Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:2
23 Referencias Cruzadas  

Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.


Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,


Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.


Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.


Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.


Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.


Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.


Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ.


Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!”


Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.”


Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ.


Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.


Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”


na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”


Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.


Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su!”


Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.


Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.


Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios