Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 (Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 (Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 (Na Farisifo ne Yudafo nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yiye a, wonnidi, efisɛ wokura mpanyimfo atetesɛm mu;

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:3
10 Referencias Cruzadas  

Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”


Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”


Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.


Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.


Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden.


Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum.


Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios