Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi.

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:2
12 Referencias Cruzadas  

“Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”


Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”


Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.


Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte.


“Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’


Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no.


Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa.


Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios