Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:8
21 Referencias Cruzadas  

Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree.


“Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.


“Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?


Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”


Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha.


Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”


Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba.


Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!”


Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.


Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”


“Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa.


Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa.


Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu.


Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.


Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios