Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:3
29 Referencias Cruzadas  

Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.


Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.


Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.


“Enti me mma, montie me; nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.


Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.


Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ, mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;


“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.


Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom.


Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.


Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.


Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no.


Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,


Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!


Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ.


Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!”


Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.


Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ.


Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios