Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:2
15 Referencias Cruzadas  

Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.


Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,


Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”


Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.


Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,


Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.


Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan.


Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn.


Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam?


Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn.


“Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.


Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios