Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane saa nti, “ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane saa nti, “ ‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase, na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:12
18 Referencias Cruzadas  

Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.


Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene, mowɔ ani nso monhunu adeɛ, na mowɔ aso nso monte asɛm:


Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm.


ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’


a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no.


Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.


“Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.


Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo,


Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra.


Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”


Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios