Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:8
18 Referencias Cruzadas  

Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


“Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ”


Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.


Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”


Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’


“Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.


Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.


Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ.


Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so.


Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ.


Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.


Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios