Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:5
29 Referencias Cruzadas  

Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ.


Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.


ɛtɔɔ me so, na meyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa guiɛ.


Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.”


Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no.


Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no.


Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda?


Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.


Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa.” Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.


Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa.


Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di.


na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene.


Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so.


Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’


Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no.


Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ,


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano.


Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.


Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios