Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini!

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:3
12 Referencias Cruzadas  

ɔrenhinhim na nʼabamu remmu kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”


Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no.


Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!


Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no!


Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no.


Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.


Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma.


Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.


Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.


Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.


Esiane sɛ Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri sɛ, deɛ wahunu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios