Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:2
12 Referencias Cruzadas  

Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,


Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.”


Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.


Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!


Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.”


Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ.


Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.


Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no.


Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios