Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:8
23 Referencias Cruzadas  

Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.


Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?


nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho.


Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a?


Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.


Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?”


Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa?


“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, nsusuiɛ bi bɛba wo tirim na wobɛdwene nhyehyɛeɛ bɔne bi.


Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.


Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.


Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan.


Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie,


Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.


Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne, nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.


Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.


Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba.


Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.


Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ.


Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.


sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”


Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios