Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:4
3 Referencias Cruzadas  

Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.


Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios