Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:2
20 Referencias Cruzadas  

Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; meremmua mʼano, Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.


Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ,


Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.


Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano,


na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”


Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.


Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.


Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no.


Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.


Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.


Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.


Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm.


“Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.


Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara.


Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.


Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.


Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.


Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no.


ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios