Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:1
13 Referencias Cruzadas  

Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so.


Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu.


Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.


Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.


Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi.


Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase.


Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ.


Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”


Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ mode bɛ yi bɛbu me sɛ, ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’


Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi.


tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.


Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios