Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:3
13 Referencias Cruzadas  

Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”


Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.


Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi.


Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ.


Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?”


Afei, Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔeɛ bi.”


“Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?”


Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa.


Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.


Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane.


Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios