Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:3
29 Referencias Cruzadas  

Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso.


Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.


Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”


Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”


Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ”


Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so.


Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano.


“Nanso, yeinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, yɛɛ dɔm tiaa wo. Wɔtoo wo mmara no guu nkyɛn. Wɔkunkumm adiyifoɔ no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsane mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu.


“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ.


ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ.


‘Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ.


“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!


Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”


Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no.


Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no.


Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no.


Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios