Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 11:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha.

Ver Capítulo Copiar




Marko 11:3
11 Referencias Cruzadas  

Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.


Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn.


Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no.


Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,


Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”


Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.


Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea; ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;


Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me.


Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios