Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wobuae se, “Mose kaa se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:4
7 Referencias Cruzadas  

Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”


Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.


“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa? Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman, na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?” Awurade na ɔseɛ.


Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.


Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios