Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:1
17 Referencias Cruzadas  

Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.


Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ.


Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan.


Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.


Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.


Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.


Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba?


Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”


Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no.


Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,


Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn. Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi?


Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.


Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ.


Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.


Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.”


Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios