Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:2
13 Referencias Cruzadas  

Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.


Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’


Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:


Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”


Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no abɔ apete.’


sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ


“Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,


Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios