Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:11 - Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:11
19 Referencias Cruzadas  

Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ: Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.


“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie, deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom bɛgu no so na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.


“Monhwɛ mʼakoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom mɛgu no so, na wabu amanaman atɛn.


Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”


Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”


Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu,


Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”


Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”


Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!”


Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.”


“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.


Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ.


Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”


Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu.


Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios