Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:22 - Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Afei pɛ ɔdan ma me, efisɛ minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:22
13 Referencias Cruzadas  

bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’


Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene.


mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no.


ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.


ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me.


Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ enti, menim sɛ ɛrenkyɛre biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.


Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.


Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.


Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree.


Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.


Ɛrenkyɛre biara mɛhunu mo na me ne mo akasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios