Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:19 - Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:19
14 Referencias Cruzadas  

Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa.


Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.


Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.


Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ:


Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan.


Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ.


Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa.


Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo.


Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.


Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!


Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios