Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:16
10 Referencias Cruzadas  

“Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.


Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.”


Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.


Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ.


Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree.


Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios