Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:14 - Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:14
10 Referencias Cruzadas  

Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba.


Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.


Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so.


Ɔsraani bɛn na ɔtua ɔno ankasa ne ho ka wɔ ɛberɛ a ɔdi sraa? Okuafoɔ bɛn na ɔnni nʼafuo mu nnɔbaeɛ bi? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔnnom ne nnwan a ɔyɛn wɔn no nufosuo bi?


Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn.


Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.


Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.


Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios