Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 4:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.

Ver Capítulo Copiar




Ester 4:1
27 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”


Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree.


Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.


Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so.


Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri sɛ wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu.


Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.


Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade


Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.


Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”


Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto.


Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so na mentwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”


Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.


Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn.


Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa? Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa? Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa? Yei na mofrɛ no abuadadie yi, ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?


“ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no.


“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.


Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ.


Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo.


Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.


“Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.


Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ,


Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ.


Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios