Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 3:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ahemfie mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔhene ɛpono ano no bisaa Mordekai sɛ, “Adɛn enti na worebu ɔhene ɔhyɛ nsɛm so?”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛseɛ mu no bisaa Mordekai sɛ: Adɛn nti na wo deɛ, woto ɔhene mmara no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛseɛ mu no bisaa Mordekai sɛ: Adɛn nti na wo deɛ, woto ɔhene mmara no?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛse mu no ka kyerɛɛ Mordekai sɛ: Ɛdɛn nti na wo de, woto ɔhene mmara no?

Ver Capítulo Copiar




Ester 3:3
5 Referencias Cruzadas  

Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no,


Sɛ Haman retwam a, ɔhene mpanimfoɔ bɔ wɔn mu ase, de kyerɛ obuo ne anidie a wɔwɔ ma no, ɛfiri sɛ, saa na ɔhene ahyɛ. Nanso, Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obuo ne anidie nso da.


Adeɛ akye a ade asa yi, wɔkasa kyerɛɛ no nanso ɔkɔɔ so buu ɔhyɛ nsɛm no so. Enti, wɔbɔɔ Haman amaneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so anaa, ɛfiri sɛ, na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.


Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios