Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 3:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmerɛ bi akyi, ɔhene Ahasweros pagyaa Agagni Hamedata babarima Haman diberɛ, yɛɛ no ɔsoafoɔ panin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyire.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.

Ver Capítulo Copiar




Ester 3:1
15 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn.


Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka.


de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho.


Ɔhene no penee so, worɔɔ ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no de sii asɛm no so dua.


Nanso, Samuel kaa sɛ, “Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no, wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.” Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.


Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”


Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie; sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.


abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.


Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae.


Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.” Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim.


Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu.


Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho.


Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa.


Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”


Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn, na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios