Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo hɔ. Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 nwera ne bibitama sensɛn hɔ, wɔde nhama fufu ne nea ɛberedum asuso mu akyekyere dwetɛ nkaa wɔ mu, abofufu adum ho; sika ne dwetɛ nnae wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobiri ne dame nsɛwee so.

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:6
10 Referencias Cruzadas  

Modeda asonse mpa so mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, na mowe nnwammaa ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.


Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ.


Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.


Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ. Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?” Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.


Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa.


“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no.


Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so.


Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios