Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:3
16 Referencias Cruzadas  

Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim.


Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono.


Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie: Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.


Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu.


Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi.


Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so.


Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.


Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.


“Monse agyan no ano! Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no, ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were aweretɔ ama nʼasɔrefie no.


Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã.


“Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”


Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.


Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.


Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios