Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:12
19 Referencias Cruzadas  

Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”


wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara.


Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo.


Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.


Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?


Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa? Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?


Wɔbɛduruu atenaeɛ hɔ, Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu wɔ bepɔ no ase.


Aaron buaa no sɛ, “Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi yɛ nnipa bɔne fa.


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.


Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom; na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.


Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ sɛ, wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa.


Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no,


Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson.


Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.


Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,


Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.


Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase.


Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios