Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:10 - Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no,

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:10
16 Referencias Cruzadas  

Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ.


Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.”


Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu.


Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.


Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”


Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ; na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.


Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo; asanom nyɛ mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;


Wɔto ɛpono ma sereɛ, na nsã ma onipa ahosɛpɛ, nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.


Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.


Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”


Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios