Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 3:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 3:3
23 Referencias Cruzadas  

Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.


Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no,


na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu.


Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,


“Mesane mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpaeɛ wɔ asɔredan mu no,


“Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ, mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’ ”


na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no.


Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa.


Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!”


Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.


Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.


Mommɔ mpaeɛ mma me nso na sɛ mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi.


Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no.


Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no.


Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara.


Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen.


Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios